Exodus 4:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Mise wo sɛ: Ma me ba no kwan na ɔnkɔsom me. Na sɛ woamma no kwan ankɔ a, mekum wo ba panyin.”’”+ Exodus 8:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na sɛ wokɔ so sen wo kɔn na woamma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ aba w’asase so baabiara.+ Dwom 68:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ampa ara, Onyankopɔn na ɔbɛbobɔ n’atamfo ti pasaa;+Ɔbɛbobɔ obiara a ɔnam afobu mu tikora.+ Mmebusɛm 6:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɛno nti na n’amanehunu bɛba mpofirim;+ wobebubu no prɛko pɛ, na ɔrennya ayaresa.+