Exodus 4:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Mise wo sɛ: Ma me ba no kwan na ɔnkɔsom me. Na sɛ woamma no kwan ankɔ a, mekum wo ba panyin.”’”+ Exodus 13:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na Farao pirim ne koma kae sɛ ɔremma yɛnkɔ,+ enti Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asase so,+ efi onipa so kosi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a ebue yafunu ano+ nyinaa bɔ afɔre ma Yehowa no, nanso m’abakan biara de, metɔ no.’+ Dwom 78:51 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 Awiei koraa no, ɔbobɔɔ Egypt mmakan nyinaa kunkum wɔn,+Wɔn ahoɔden mfiase no, Ham ntamadan mu.+ Dwom 105:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Ɛnna ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,+Wɔn ahoɔden mfiase no.+ Dwom 136:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Aseda nka Nea ɔbobɔɔ Egypt mmakan no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ Hebrifo 11:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Gyidi nti odii twam+ no de mogya petepetee+ apongua ho sɛnea ɛbɛyɛ na ɔsɛefo no mfa ne nsa nka wɔn mmakan.+
15 Na Farao pirim ne koma kae sɛ ɔremma yɛnkɔ,+ enti Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asase so,+ efi onipa so kosi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a ebue yafunu ano+ nyinaa bɔ afɔre ma Yehowa no, nanso m’abakan biara de, metɔ no.’+
28 Gyidi nti odii twam+ no de mogya petepetee+ apongua ho sɛnea ɛbɛyɛ na ɔsɛefo no mfa ne nsa nka wɔn mmakan.+