21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wunya kodu Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwonwade a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma wapirim ne koma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+
6 Na dɛn nti na moyɛ mo koma dennen sɛnea Egypt ne Farao yɛɛ wɔn koma dennen no?+ Ɛnyɛ bere a ɔde ɔhaw baa wɔn so wiei+ no ansa na wogyaee wɔn ma wɔkɔɔ wɔn kwan?+