Yosua 24:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Afei wosu frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfo no ntam,+ na ɔmaa po no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mode mo ani huu nea meyɛe wɔ Egypt no,+ na motenaa sare so nna pii.+ Nehemia 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Ɛno nti wuhuu+ amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no, na wutiee wɔn sufrɛ Po Kɔkɔɔ no ho.+ Dwom 34:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Treneefo teɛm, na Yehowa nso tie wɔn,+Na ogye wɔn, wɔn ahohia nyinaa mu.+ Dwom 107:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔn ahohia mu, wosu frɛɛ Yehowa mpɛn pii;+Na ogyee wɔn fii ahokyere no mu,+
7 Afei wosu frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfo no ntam,+ na ɔmaa po no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mode mo ani huu nea meyɛe wɔ Egypt no,+ na motenaa sare so nna pii.+