Exodus 14:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na ɛrekɔ anɔpa no, nsu no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfo no fii ase sɛ wɔreguan, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfinimfini.+ Dwom 78:53 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 53 Odii wɔn anim dwoodwoo, na wɔn koma antu;+Wɔn atamfo de, ɛpo kataa wɔn so.+ Dwom 106:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nsu no twiw faa wɔn atamfo no so;+Wɔn mu biako mpo anka.+ Dwom 136:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea ɔkaa Farao ne n’asraafodɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+
27 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na ɛrekɔ anɔpa no, nsu no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfo no fii ase sɛ wɔreguan, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfinimfini.+