Exodus 14:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Enti nsu no bae+ ara bɛkataa Farao nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo ne n’asraafodɔm a wotiw Israelfo kɔɔ po no mu nyinaa so.+ Wɔn mu biako mpo anka.+ Exodus 15:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nsu no bu faa wɔn so,+ na wɔkɔɔ ase tɔnn te sɛ ɔbo.+ Deuteronomium 11:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Afei wonnim sɛ bere a Egypt asraafo ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam retiw mo no,+ Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no bu faa wɔn so, na ɔsɛee wɔn koraa besi nnɛ.+ Yosua 24:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Afei wosu frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfo no ntam,+ na ɔmaa po no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mode mo ani huu nea meyɛe wɔ Egypt no,+ na motenaa sare so nna pii.+ Dwom 78:53 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 53 Odii wɔn anim dwoodwoo, na wɔn koma antu;+Wɔn atamfo de, ɛpo kataa wɔn so.+
28 Enti nsu no bae+ ara bɛkataa Farao nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo ne n’asraafodɔm a wotiw Israelfo kɔɔ po no mu nyinaa so.+ Wɔn mu biako mpo anka.+
4 Afei wonnim sɛ bere a Egypt asraafo ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam retiw mo no,+ Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no bu faa wɔn so, na ɔsɛee wɔn koraa besi nnɛ.+
7 Afei wosu frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfo no ntam,+ na ɔmaa po no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mode mo ani huu nea meyɛe wɔ Egypt no,+ na motenaa sare so nna pii.+