9 Ahwɛyiye ara na monyɛ na moantew atua antia Yehowa.+ Munnsuro nnipa a wɔte asase no so+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkataso afi wɔn so,+ na yɛn de Yehowa ka yɛn ho.+ Munnsuro wɔn.”+
3 Ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Israel muntie, ɛnnɛ morebɛn mo atamfo ne wɔn akɔko. Mommma mo koma nntu,+ munnsuro wɔn na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu.+
15 Na ɔkae sɛ: “Yuda ne Yerusalemfo nyinaa ne Ɔhene Yehosafat, monyɛ asõ! Nea Yehowa reka akyerɛ mo ni, ‘Munnsuro,+ na mommmɔ hu dɔm kɛse yi nti; efisɛ ɔko no nyɛ mo ko, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.+
10 Nsuro efisɛ meka wo ho.+ Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.+ Mɛhyɛ wo den.+ Mɛboa wo.+ Mede me trenee+ nsa nifa beso wo mu denneennen.’+