Deuteronomium 1:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mommma mo koma nntu, na munnsuro wɔn.+ Yosua 11:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na ɔkyena sesɛɛ mɛma wɔn nyinaa atotɔ wɔ Israelfo nsa ano. Twitwa wɔn apɔnkɔ nantin+ na fa ogya hyew wɔn nteaseɛnam.”+ 2 Beresosɛm 32:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Munnya akokoduru na monyɛ den.+ Munnsuro+ na mommmɔ hu,+ Asiria hene+ ne nnipadɔm a wɔka ne ho+ no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho.
6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na ɔkyena sesɛɛ mɛma wɔn nyinaa atotɔ wɔ Israelfo nsa ano. Twitwa wɔn apɔnkɔ nantin+ na fa ogya hyew wɔn nteaseɛnam.”+
7 “Munnya akokoduru na monyɛ den.+ Munnsuro+ na mommmɔ hu,+ Asiria hene+ ne nnipadɔm a wɔka ne ho+ no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho.