24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woama w’akoa ahu wo kɛseyɛ+ ne wo basa dennen no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne w’ahoɔdenne yi bi?+
22 Ɛno nti na wosõ kokuroo+ no, O Awurade Tumfoɔ Yehowa; obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo,+ anyame a yɛde yɛn aso ate wɔn ho asɛm no nyinaa mu.