Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ 1 Samuel 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa, obiara nni hɔ sɛ wo;+Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+ 1 Beresosɛm 17:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ nea yɛde yɛn aso ate afa wo ho no nyinaa kyerɛ saa. Dwom 83:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na nnipa nhu+ sɛ wo a wo din de Yehowa+ no,Wo nko ara ne Ɔsorosoroni,+ asase nyinaa so.+ Dwom 89:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hena na wobetumi de no atoto Yehowa ho wɔ ɔsoro?+Hena na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma mu?+ Yeremia 10:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+ Woyɛ kɛse, na wo din sõ na ɛkorɔn.+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
20 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ nea yɛde yɛn aso ate afa wo ho no nyinaa kyerɛ saa.