Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ Deuteronomium 3:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woama w’akoa ahu wo kɛseyɛ+ ne wo basa dennen no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne w’ahoɔdenne yi bi?+ Dwom 86:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, anyame mu,+Na nnwuma biara ne wo de nsɛ.+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woama w’akoa ahu wo kɛseyɛ+ ne wo basa dennen no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne w’ahoɔdenne yi bi?+