Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ Dwom 89:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hena na wobetumi de no atoto Yehowa ho wɔ ɔsoro?+Hena na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma mu?+ Dwom 96:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+Na Yehowa de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+ Yesaia 40:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “Hena ho na mode me bɛto ma ɔne me asɛ?” Ɔkronkronni no na waka.+ Yeremia 10:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+ Woyɛ kɛse, na wo din sõ na ɛkorɔn.+ Daniel 3:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Na mehyɛ mmara+ sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa mu no, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wobetwitwa ne mu asinasin,+ na wɔadan ne fie agyananbea,+ efisɛ onyame bi nni hɔ a obetumi agye onipa sɛ oyi.”+ 1 Korintofo 8:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛwom, ɔsoro oo,+ asase so oo,+ wɔn a wɔfrɛ wɔn “anyame” wɔ hɔ+ sɛnea “anyame” pii ne “awuranom” pii wɔ hɔ no,+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
29 Na mehyɛ mmara+ sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa mu no, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wobetwitwa ne mu asinasin,+ na wɔadan ne fie agyananbea,+ efisɛ onyame bi nni hɔ a obetumi agye onipa sɛ oyi.”+
5 Ɛwom, ɔsoro oo,+ asase so oo,+ wɔn a wɔfrɛ wɔn “anyame” wɔ hɔ+ sɛnea “anyame” pii ne “awuranom” pii wɔ hɔ no,+