1 Beresosɛm
17 Ɛbae sɛ bere a Dawid bɛtenaa ne fie+ ara pɛ na Dawid ka kyerɛɛ odiyifo Natan+ sɛ: “Hwɛ, me de, mete ofie a wɔde nkyeneduru+ asi mu, nanso Yehowa apam adaka+ no si ntamadan mu.”+ 2 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nea ɛda wo koma so biara, yɛ,+ na nokware Nyankopɔn no di w’akyi.”+
3 Ɛbae sɛ saa anadwo no, Onyankopɔn asɛm+ baa Natan nkyɛn sɛ: 4 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Ɛnyɛ wo na wubesi ofie ama matena mu.+ 5 Efi da a mikoyii Israel bae de besi nnɛ, mentenaa ofie mu da,+ ntamadan mu ara na matena, na mifi tenabea+ biako mu kɔ tenabea foforo mu.+ 6 Bere a menantew+ Israel mu no nyinaa, da bɛn na meka kyerɛɛ Israel atemmufo a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man no bi sɛ ‘Dɛn nti na munsii kyeneduru fie mmaa me?’”’+
7 “Afei eyi na ka kyerɛ m’akoa Dawid, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Me na miyii wo fii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa akyidi+ na bedi me man Israel anim.+ 8 Medi w’akyi wo nantew nyinaa mu,+ na metwa w’atamfo+ nyinaa afi w’anim na mama woanya din+ sɛ asase so atitiriw no din.+ 9 Na mesiesie baabi ama me man Israel na mede wɔn akodua hɔ;+ ɛhɔ na wɔbɛtena, na biribiara renhaw wɔn adwene bio. Amumɔyɛfo asefo+ biara renteetee wɔn bio sɛ kan nna no,+ 10 nna a mede atemmufo+ sisii me man Israel so no. Mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase.+ Na mise wo sɛ, ‘Yehowa bɛkyekye ofie ama wo.’+
11 “‘“Na ɛbɛba sɛ, sɛ wo nna wie du na wo ne w’agyanom kɔda+ a, mɛma w’aseni bi so w’akyi, wo mma no mu biako,+ na mɛma n’ahenni atim.+ 12 Ɔno na obesi ofie ama me,+ na mɛma n’ahengua atim afebɔɔ.+ 13 Me na mɛyɛ n’agya,+ na ɔno nso ayɛ me ba;+ merenyi m’adɔe mfi ne so+ sɛnea miyi fii nea odii w’anim no so no.+ 14 Mede no besi me fie+ ne m’ahenni so+ afebɔɔ, na n’ahengua+ nso betim afebɔɔ.”’”
15 Sɛnea nsɛm yi nyinaa ne anisoadehu yi nyinaa te no, saa na Natan ka kyerɛɛ Dawid.+
16 Eyi akyi no, Ɔhene Dawid bɛtenaa Yehowa anim,+ na ɔkae sɛ: “O Yehowa Nyankopɔn, hena ne me,+ na me fie yɛ dɛn+ a wode me abedu ha yi?+ 17 Nanso eyi nyinaa yɛ w’ani so ade ketewa bi,+ O Onyankopɔn;+ woasan aka nea ɛbɛba w’akoa fie so daakye-daakye,+ na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea kɛse,+ O Yehowa Nyankopɔn. 18 Dɛn bio na Dawid nka, anuonyam a wode ahyɛ w’akoa no ho?+ Wo na wunim w’akoa yiye.+ 19 O Yehowa, w’akoa nti woayɛ nneɛma akɛse yi nyinaa sɛnea ɛwɔ wo koma mu,+ na woama wɔahu wo nnwuma akɛse no.+ 20 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ nea yɛde yɛn aso ate afa wo ho no nyinaa kyerɛ saa. 21 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a nokware Nyankopɔn gyee wɔn fae sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwonwadwuma akɛse de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wugyee wɔn fii Egypt no na woyɛɛ ahude de pam amanaman+ no fii wɔn anim? 22 Na wode wo nkurɔfo Israel yɛɛ wo man+ daa, na wo Yehowa, wobɛyɛɛ wɔn Nyankopɔn.+ 23 Afei Yehowa, ma asɛm a woaka afa w’akoa ne ne fie ho no ntim daa, na yɛ sɛnea woaka no. 24 Ma wo din+ nnyina na ɛnyɛ kɛse+ daa, na nkurɔfo nka sɛ, ‘Israel Nyankopɔn,+ asafo Yehowa,+ no ne Onyankopɔn ma Israel,’+ na ma w’akoa Dawid ase ntim w’anim.+ 25 Na wo, me Nyankopɔn na woayi no adi akyerɛ w’akoa sɛ wobɛkyekye ofie ama no.+ Ɛno nti na w’akoa rebɔ mpae w’anim yi. 26 Na afei Yehowa, wone nokware Nyankopɔn+ no, wo na wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ.+ 27 Enti ma ɛnyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fie na ɛntena w’anim daa;+ efisɛ wo Yehowa, wo na woahyira me fie, na ɛbɛyɛ nhyira daa.”+