Deuteronomium 4:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Nanso wo de, wama woahu sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn Yehowa no,+ na obiara nte sɛ ɔno.+ 1 Samuel 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa, obiara nni hɔ sɛ wo;+Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+ Yesaia 43:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa anom asɛm ni:+ “Mone m’adansefo, m’akoa a mapaw no,+ na ama moahu+ agye me adi,+ na moahu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,+ na m’akyi nso, obi nni hɔ.+
10 Yehowa anom asɛm ni:+ “Mone m’adansefo, m’akoa a mapaw no,+ na ama moahu+ agye me adi,+ na moahu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,+ na m’akyi nso, obi nni hɔ.+