Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ Deuteronomium 3:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woama w’akoa ahu wo kɛseyɛ+ ne wo basa dennen no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne w’ahoɔdenne yi bi?+ Deuteronomium 4:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Nanso wo de, wama woahu sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn Yehowa no,+ na obiara nte sɛ ɔno.+ Dwom 73:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Hena bio na mewɔ wɔ ɔsoro?+W’akyi no, minni obiara ho anigye asase so.+ Dwom 86:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, anyame mu,+Na nnwuma biara ne wo de nsɛ.+ Dwom 89:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hena na wobetumi de no atoto Yehowa ho wɔ ɔsoro?+Hena na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma mu?+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woama w’akoa ahu wo kɛseyɛ+ ne wo basa dennen no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne w’ahoɔdenne yi bi?+