18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini.
27 Eyi nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo+ nsa ma wohiahiaa wɔn ho.+ Na sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wosu frɛ wo,+ na wo nso wufi soro hɔ tie wɔn;+ na sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe+ te no, woma wɔn agyefo+ ma wogye wɔn fi wɔn atamfo nsam.+