Atemmufo
2 Afei Yehowa bɔfo+ fi Gilgal+ kɔɔ Bokim,+ na ɔkae sɛ: “Miyii mo fii Egypt baa asase a mekaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+ Na mekae sɛ, ‘Meremmu m’apam a me ne mo yɛe no so da.+ 2 Na mo nso, mo ne asase yi sofo nnyɛ apam biara.+ Mummubu wɔn afɔremuka.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Dɛn nti na moyɛɛ saa?+ 3 Enti nea mereka ni, ‘Merempam wɔn mfi mo ho, na wɔbɛyɛ afiri ama mo,+ na wɔn anyame bɛdaadaa mo.’”+
4 Bere a Yehowa bɔfo no de asɛm yi too Israelfo no anim ara pɛ na wɔmaa wɔn nne so sui.+ 5 Enti wɔtoo hɔ din Bokim. Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Yehowa.
6 Bere a Yosua gyaa Israelfo no kwan no, obiara kɔɔ n’agyapade so kɔtenaa asase no so.+ 7 Na nkurɔfo no kɔɔ so som Yehowa, Yosua ne mpanyimfo a wɔtenaa ase wɔ n’akyi no nna nyinaa, mpanyimfo a wohuu nnwuma akɛse a Yehowa yɛ maa Israel no.+ 8 Afei Yehowa akoa Yosua, Nun ba no, wui bere a na wadi mfe ɔha ne du.+ 9 Na wosiee no n’asase so wɔ Timnat-Heres+ a ɛwɔ Efraim bepɔw so wɔ Bepɔw Gaase atifi fam+ no. 10 Saa awo ntoatoaso no nyinaa wuwui ma wosiee wɔn kɔkaa wɔn agyanom ho.+ Na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae a na wonnim Yehowa anaa nnwuma a ɔyɛ maa Israelfo no.+
11 Na Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so,+ na wɔsom Baal ahoni.+ 12 Wogyaw Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔde wɔn fi Egypt asase so bae no+ kodii aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame akyi,+ na wɔkotow wɔn de hyɛɛ Yehowa abufuw.+ 13 Enti wogyaw Yehowa kɔsom Baal ne Astoret+ ahoni. 14 Afei Yehowa abufuw dɛw hyɛɛ Israel,+ na ɔde wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa ma wɔfow wɔn nneɛma.+ Na ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no,+ na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+ 15 Baabi a wɔkɔe biara, Yehowa de amanehunu baa wɔn so,+ sɛnea na Yehowa aka no, efisɛ na Yehowa aka wɔn ntam dedaw+ sɛ ɔbɛyɛ saa, na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.+ 16 Enti Yehowa maa wɔn atemmufo+ sɛ wonnye wɔn mfi wɔn a wɔfow wɔn nneɛma no nsam.+
17 Nanso wɔn atemmufo no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforo+ bɔɔ aguaman,+ na wɔkotow wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔman fii ɔkwan a wɔn agyanom faa so no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛde so,+ nanso wɔn de, wɔanyɛ saa. 18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini.
19 Nanso sɛ ɔtemmufo no wu a, na wɔdan wɔn ho kɔyɛ akyide a ɛsen nea wɔn agyanom ayɛ pɛn, na wokodi anyame foforo akyi som wɔn kotow wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan na wɔannan amfi wɔn nneyɛe bɔne no ho.+ 20 Afei Yehowa abufuw dɛw+ hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: “Esiane sɛ ɔman yi aman afi apam+ a me ne wɔn agyanom yɛe no ho na wɔantie me+ nti, 21 me nso, merempam aman a Yosua wu gyaw wɔn yi mu biako mpo mfi wɔn anim.+ 22 Na menam wɔn so bɛsɔ Israel ahwɛ+ sɛ wɔbɛfa Yehowa kwan so sɛnea wɔn agyanom yɛe no anaa wɔremfa so.” 23 Enti Yehowa maa aman yi kaa hɔ, na wampam wɔn ntɛm ara,+ na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.