37 Na bere a obiara ntaa wɔn so mpo no, wobetiatia wɔn ho abubu afa so te sɛ nea wɔreguan afi nkrante ano, na morennya ahoɔden a mode begyina mo atamfo anim.+
25 Yehowa bɛma woadi nkogu wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa ɔkwan biako so akɔ wɔn so na woafa akwan ason so aguan afi wɔn anim, na wo ho bɛyɛ asase so ahemman nyinaa hu.+