Exodus 20:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+ Deuteronomium 7:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo;+ na Yehowa abufuw adɛw wɔ mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+
5 Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
4 Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo;+ na Yehowa abufuw adɛw wɔ mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.+