9 Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
6 ma wɔmfa ne mmarima baason a wofi ne mma mu mma yɛn,+ na yɛmfa wɔn nsensɛn+ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa paw+ no no kurow Gibea+ mu.” Enti ɔhene kae sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”
29 “Woahu sɛnea me nti Ahab abrɛ ne ho ase no?+ Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa mmusu no mma wɔ ne nna mu.+ Ne ba nna mu na mede mmusu no bɛba ne fie.”+
35 saa na ɛbɛma treneefo mogya a wɔahwie agu asase so nyinaa aba mo so,+ efi ɔtreneeni+ Habel+ mogya so kosi Barakia ba Sakaria mogya so, nea mukum no kronkronbea ne afɔremuka ntam no.+