8 Na sɛ ne nsa ansõ oguan so a, ɛnde ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmra, na wɔmfa biako mmɔ ɔhyew afɔre na wɔmfa biako nso mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mfa mpata+ mma no na ne ho atew.’”
17 “Sɛ ɔkɔ ahyiae ntamadan no mu kɔbɔ mpata afɔre wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ kosi sɛ ɔbɛba. Na ɔmpata mma ne ho+ ne ne fie ne Israel asafo nyinaa.+
25 Afei ɔsɔfo no mpata+ mma Israel asafo no nyinaa, na wɔde wɔn bɔne befiri wɔn, efisɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛe,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde nso aba sɛ wɔmfa mmɔ ogya afɔre mma Yehowa, na wɔmmɔ wɔn bɔne ho afɔre mma wɔn wɔ Yehowa anim.
17 Ne saa nti ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” ade nyinaa mu,+ na wayɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu,+ na wabɔ ɔman no bɔne ho mpata+ afɔre.+