8 “Saa bere no Yehowa yii Lewi abusuakuw+ no sɛ wɔnsoa Yehowa apam adaka no+ na wonnyina Yehowa anim nsom no+ na wɔmfa ne din nhyira nnipa+ de besi nnɛ.
5 “Lewi mma asɔfo no mmra hɔ efisɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wobegyina abua asɛm no.+
13 Amram mma ne Aaron+ ne Mose.+ Nanso woyii Aaron sii hɔ+ sɛ ɔne ne mma ntew Kronkron mu Kronkronbea+ no ho daa, na wɔmmɔ afɔre+ Yehowa anim, na wɔnsom no,+ mfa ne din nhyira+ nkosi daa.