Genesis 46:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Me ne wo bɛkɔ Egypt na me ara masan de wo aba;+ Yosef na ɔde ne nsa bɛka w’ani agu so.”+ Exodus 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na mede mo bɛyɛ me man,+ na mayɛ mo Nyankopɔn;+ na mubehu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt nkoasom mu+ no. Exodus 29:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Na wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. Me na miyii wɔn fii Egypt asase so sɛ me ne wɔn bɛtena.+ Mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.+ Dwom 81:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,+Nea oyii wo fii Egypt asase so no.+Bue w’anom tɛtrɛɛ, na menhyɛ no mã.+ Hosea 11:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Bere a Israel yɛ abarimaa no, na medɔ no,+ na Egypt na mefrɛɛ me ba fii.+
7 Na mede mo bɛyɛ me man,+ na mayɛ mo Nyankopɔn;+ na mubehu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt nkoasom mu+ no.
46 Na wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. Me na miyii wɔn fii Egypt asase so sɛ me ne wɔn bɛtena.+ Mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.+
10 Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,+Nea oyii wo fii Egypt asase so no.+Bue w’anom tɛtrɛɛ, na menhyɛ no mã.+