Genesis 17:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na ɔbarima biara a ɔwɔ wo fie a wadi nnawɔtwe ne awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa ntwa twetia,+ obiara a wɔwoo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no afi ɔhɔho hɔ a ɔnyɛ w’aseni. Genesis 21:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Bere a Isak nyaa nnawɔtwe no, Abraham twaa no twetia sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no.+ Luka 1:59 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 59 Da a ɛto so awotwe no wɔbae sɛ wɔrebetwa abofra kumaa no twetia,+ na anka wɔde no reto ne papa Sakaria. Luka 2:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Afei nnawɔtwe+ dui sɛ wotwa no twetia+ no, wɔtoo ne din nso sɛ Yesu,+ edin a ɔbɔfo no bɔe ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no.+ Yohane 7:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Eyi nti na Mose ama mo twetiatwa+—ɛnyɛ sɛ efi Mose, na mmom efi agyanom hɔ+—na mutwa nnipa twetia homeda.
12 Na ɔbarima biara a ɔwɔ wo fie a wadi nnawɔtwe ne awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa ntwa twetia,+ obiara a wɔwoo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no afi ɔhɔho hɔ a ɔnyɛ w’aseni.
59 Da a ɛto so awotwe no wɔbae sɛ wɔrebetwa abofra kumaa no twetia,+ na anka wɔde no reto ne papa Sakaria.
21 Afei nnawɔtwe+ dui sɛ wotwa no twetia+ no, wɔtoo ne din nso sɛ Yesu,+ edin a ɔbɔfo no bɔe ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no.+
22 Eyi nti na Mose ama mo twetiatwa+—ɛnyɛ sɛ efi Mose, na mmom efi agyanom hɔ+—na mutwa nnipa twetia homeda.