Luka
2 Nna no mu no, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara+ sɛ wɔnkyerɛw asase sofo nyinaa din; 2 (dinkyerɛw a edi kan yi kɔɔ so bere a Kirenio yɛ Siria amrado;) 3 na nnipa nyinaa tuu kwan kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din.+ 4 Yosef nso fii Nasaret a ɛwɔ Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofi Dawid fie ne n’abusua+ mu nti, ɔkɔɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem+ mu 5 sɛ ɔrekɔkyerɛw ɔne Maria+ a wɔde no ama no aware sɛnea na wɔahyɛ no bɔ+ no din; saa bere no na ɔregye nna awo.+ 6 Wɔwɔ hɔ no, n’awo bere dui. 7 Ɔwoo ɔbarima, n’abakan,+ na ɔde ntama kyekyeree no ho de no too mmoa adididaka mu,+ efisɛ wɔannya kwan wɔ ahɔhodan no mu.
8 Saa bere no, na nguanhwɛfo bi nso wɔ asase no so a wɔwɛn wɔn nguan anadwo wɔ wuram. 9 Amonom hɔ ara Yehowa bɔfo+ begyinaa wɔn nkyɛn, na Yehowa anuonyam+ hyerɛn twaa wɔn ho hyiae, na ehu kaa wɔn yiye. 10 Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro, hwɛ! mede asɛmpa a ɛfa anigye kɛse a nnipa nyinaa benya ho rebrɛ mo,+ 11 efisɛ wɔawo Agyenkwa+ a ɔne Awurade Kristo+ no ama mo nnɛ wɔ Dawid kurom.+ 12 Na eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo: Mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no ho sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Amonom hɔ ara na ɔsoro asafodɔm+ bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Onyankopɔn ayɛ+ sɛ: 14 “Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro,+ na asomdwoe+ nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.”+
15 Enti bere a abɔfo no gyaw wɔn hɔ kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yensim nkɔ Betlehem nkɔhwɛ nea asi a Yehowa+ ayi adi akyerɛ yɛn yi.” 16 Na wɔyɛɛ ntɛm kohuu Maria ne Yosef, ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Wohuu no no, wɔkaa nsɛm a wɔaka akyerɛ wɔn afa abofra kumaa no ho kyerɛɛ wɔn. 18 Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa, 19 na Maria fii ase de nsɛm yi nyinaa siei, na odwinnwen ho ne koma mu.+ 20 Na nguanhwɛfo no san kɔe a na wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam reyi no ayɛ wɔ nea wɔtee na wohui nyinaa ho, sɛnea wɔkaa eyinom kyerɛɛ wɔn no.
21 Afei nnawɔtwe+ dui sɛ wotwa no twetia+ no, wɔtoo ne din nso sɛ Yesu,+ edin a ɔbɔfo no bɔe ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no.+
22 Bio nso, bere a nna a wɔde dwiraa+ wɔn ho sɛnea Mose mmara no kyerɛ no baa awiei no, wɔde no baa Yerusalem sɛ wɔde no rebrɛ Yehowa, 23 sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yehowa mmara mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ ɔbarima biara a obebue yafunu ano sɛ Yehowa ade kronkron” no,+ 24 na afei wɔabɔ afɔre sɛnea wɔaka wɔ Yehowa mmara mu sɛ: “Mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien” no.+
25 Hwɛ! na ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon, ɔyɛ onipa trenee a nyamesuro wɔ ne mu a ɔretwɛn Israel awerɛkyekye,+ na honhom kronkron wɔ no so. 26 Bio nso, na wɔnam honhom kronkron so ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhu owu gye sɛ wahu Kristo+ a Yehowa asoma no no ansa. 27 Honhom+ no kaa no ma ɔbaa asɔrefie hɔ; na bere a awofo no de abofra kumaa Yesu bae sɛ wɔrebɛyɛ nea mmara no mu amanne hwehwɛ ama no no,+ 28 ogyee no too ne nsa so hyiraa Onyankopɔn sɛ: 29 “Awurade Tumfoɔ, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe+ mu sɛnea w’asɛm te; 30 efisɛ m’ani ahu nea wonam so begye nkwa+ 31 a woasiesie wɔ aman nyinaa anim no,+ 32 kanea+ a wonam so beyi nea ɛkata+ amanaman+ no so ama ahyɛ wo man Israel anuonyam.” 33 Na nea ɔka faa ne ho no yɛɛ ne papa ne ne maame nwonwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ: “Hwɛ! Oyi na wɔayi no ama Israelfo+ bebree asehwe+ ne wɔn sɔre ne sɛnkyerɛnne a wɔbɛkasa atia+ 35 (yiw, nkrante tenten behwirew w’ankasa wo kra mu),+ na ama nnipa bebree koma mu nsusuwii ada adi.”+
36 Ná odiyifobea bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Hana, Fanuel babea a ofi Aser abusuakuw mu, (saa ɔbea yi mfe kɔ anim, na ɔwaree ne mmaabun bere mu ne ne kunu tenae mfe ason, 37 na ɔyɛ okunafo+ a wadi mfe aduɔwɔtwe anan), na ɔmpa asɔrefie hɔ da, ɔde mmuadadi ne nkotɔsrɛ som awia ne anadwo.+ 38 Ɛdɔn no ara mu na ɔbaa hɔ bɛdaa Onyankopɔn ase kaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn gye a wobegye Yerusalem no nyinaa.+
39 Wɔyɛɛ nea Yehowa mmara+ hwehwɛ nyinaa wiei no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret+ mu wɔ Galilea. 40 Na abofra kumaa no kɔɔ so nyin yɛɛ den,+ nyansa hyɛɛ no mã, na Onyankopɔn adom+ kɔɔ so tenaa no so.
41 Afe biara na n’awofo kɔ Yerusalem+ kodi twam afahyɛ no. 42 Na bere a odii mfe dumien no, wɔkɔe sɛnea afahyɛ no ho amanne te,+ 43 na wɔtenaa hɔ kosii nna no awiei. Nanso bere a wɔresan aba no, abofra Yesu kaa Yerusalem a n’awofo anhu. 44 Wɔfaa no sɛ wafra nnipadɔm no mu kɔ, enti wotwaa da koro kwan,+ na afei wofii ase kyin hwehwɛɛ no abusuafo ne amannifo mu. 45 Ɛbae sɛ wɔanhu no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ no denneennen. 46 Ne nnansa akyi no, wohuu no wɔ asɔrefie+ hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Na sɛnea n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano no maa wɔn a wɔretie no no ho dwiriw wɔn.+ 48 Afei wohuu no no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na ne maame see no sɛ: “Me ba, dɛn nti na woyɛɛ yɛn saa? Hwɛ, me ne wo papa de ahoyeraw ahwehwɛ wo.” 49 Na osee wɔn sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mukyin hwehwɛ me? So munnim sɛ etwa sɛ metena m’Agya fie?”+ 50 Nanso wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.+
51 Na ɔne wɔn kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase+ hyɛɛ wɔn ase. Ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee ne koma mu.+ 52 Na Yesu kɔɔ so nyinii nyaa nyansa,+ na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim dom.+