So Wokyerɛkyerɛ Sɛnea Yesu Yɛe No?
“Ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn kyerɛwfo no.”—MATEO 7:28, 29.
1. Henanom na wodii Yesu akyi bere a ɔkyerɛkyerɛe wɔ Galilea no, na dɛn na Yesu yɛe wɔ ho?
BAABIARA a Yesu kɔe no, nkurɔfo akuwakuw puw baa ne nkyɛn. “[Okyinii] Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.” Bere a ne dwumadi ahorow no ho asɛm trɛwee no, “nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapolis no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.” (Mateo 4:23, 25) Bere a ohuu wɔn no, “ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no, na wotumi hu sɛ ɔwɔ ayamhyehye ne tema ma wɔn; na ɛte sɛ aduru a edwudwo ɛyaw ano a ɔde akyekyere wɔn akuru so a ɛtwee wɔn bɛn no.—Mateo 9:35, 36.
2. Yesu anwonwade ahorow no akyi no, dɛn bio na ɛtwetwee nkurɔfo akuwakuw?
2 Hwɛ honam fam nyarewa ara a Yesu nam anwonwa kwan so sae—ɔmaa akwatafo ho fii, asotifo tee asɛm, anifuraefo huu ade, mmubuafo nantewee, awufo baa nkwa mu bio! Akyinnye biara nni ho sɛ na Yehowa tumi a ɔnam Yesu so reda no adi wɔ akwan a ɛda nsow sɛɛ so no bɛtwetwe nkurɔfo akuwakuw pii! Nanso ɛnyɛ anwonwade ahorow no nkutoo na ɛtwetwee wɔn; nnipa akuwakuw pii nso bae sɛ wɔrebegye honhom mu ayaresa a Yesu de mae bere a na ɔrekyerɛkyerɛ no. Sɛ́ nhwɛso no, hyɛ nea wɔyɛe bere a wotiee ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no wiei no nsow: “Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn kyerɛwfo no.” (Mateo 7:28, 29) Wɔn rabinom no de wɔn nkyerɛkyerɛ gyinaa tete rabinom no atetesɛm a na wɔde wɔn ano ka kyerɛ mu nsɛm so. Tumi a efi Onyankopɔn hɔ na Yesu de kyerɛkyerɛɛ wɔn: “Nea meka no, sɛnea agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.”—Yohane 12:50.
Ne Nkyerɛkyerɛ Duu Komam
3. Nsonsonoe bɛn na ɛda ɔkwan a Yesu faa so de n’asɛm no too gua ne akyerɛwfo ne Farisifo no de ntam?
3 Ɛnyɛ nsɛm a na ɛwɔ Yesu nkyerɛkyerɛ mu nko na na ɛyɛ soronko wɔ akyerɛwfo ne Farisifo no de ho—nokware a efi Onyankopɔn hɔ a ɛbɔɔ nnipa atetesɛm a wɔde ano ka kyerɛ a ɛyɛ adesoa abira—na mmom ɔkwan a ɔfaa so de too gua no nso. Ná akyerɛwfo ne Farisifo no yɛ ahantan na wɔn tirim yɛ den, na na wofi ahomaso mu hwehwɛ abodin akɛse na wobu nnipa akuwakuw no animtiaa sɛ nkurɔfo a “wɔadome wɔn!” Nanso, na Yesu brɛ ne ho ase, odwo, ne yam ye, ɔwɔ mmɔborohunu, na mpɛn pii no na ogyae nsɛm mu, na ne yam hyehyee no maa wɔn. Ɛnyɛ nokware nsɛm nko na Yesu de kyerɛkyerɛe na mmom nsɛm a ɛyɛ dɛ a efi ne komam a ɛkɔɔ n’atiefo komam tẽẽ nso. N’asɛm a ɛyɛ anigye no twee nkurɔfo bɛn no ma wɔbaa asɔrefi hɔ ntɛm betiee no, na ɛmaa wotu taree no de anigye tiee no. Nnipadɔm ba betiee no, na wɔkae sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.”—Yohane 7:46-49; Marko 12:37; Luka 4:22; 19:48; 21:38.
4. Dɛn titiriw na na ɛwɔ Yesu asɛnka no mu a ɛtwetwee nkurɔfo pii?
4 Akyinnye biara nni ho sɛ ade biako a ɛmaa ne nkyerɛkyerɛ twetwee nkurɔfo ne mfatoho a ɔde dii dwuma no. Yesu huu nneɛma a nnipa afoforo hui, nanso osusuw nneɛma a amma wɔn adwenem da ho. Sukooko a enyin wɔ wuram, nnomaa a wɔreyɛ wɔn mmerebuw, mmarima a wɔregu awi, nguanhwɛfo a wokohu aguammaa a wayera, mmea a wɔpam ntamasin tare ntade dedaw mu, mmofra a wɔredi agoru wɔ gua so, apofofo a wɔretwetwe wɔn asau—nneɛma a ɛnyɛ nã a obiara hui—anyɛ adehunu wɔ Yesu ani so da. Baabiara a ɔtoo n’ani hwɛe no, ohuu nea obetumi de ayɛ mfatoho afa Onyankopɔn ne N’Ahenni no ho, anaa nea ɔde bɛka adesamma abusua a atwa ne ho ahyia no ho asɛm bi.
5. Dɛn so na Yesu de ne mfatoho ahorow no gyinae, na dɛn na ɛmaa ne mmebu tuu mpɔn?
5 Yesu mfatoho ahorow no gyina nneɛma a ɛkɔ so daa a nkurɔfo ahu no mpɛn pii so, na sɛ wɔde nokware ahorow bata nneɛma a wonim no yiye sɛɛ ho a, ɛka wɔn a wɔretie no adwene mu yiye ntɛm. Wɔnte nokware a ɛtete saa no kɛkɛ; wɔde adwene yɛ ho mfonini na akyiri yi wotumi kae no ntɛm. Ná Yesu mmebu no mu da hɔ, na nsɛm hwanyann a ebetumi ayi wɔn adwene afi nokware ahorow no so a wɔnte ase nni mu. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Samariani mmɔborohunufo ho bɛ no ho. Ɛma wuhu nea ɔyɔnko pa yɛ pefee. (Luka 10:29-37) Afei nea ɛfa mmabarima baanu no ho nso wɔ hɔ—nea obiako kae sɛ ɔbɛyɛ bobe turo no mu adwuma nanso wanyɛ, na nea ɔka ho no kae sɛ ɔnyɛ nanso ɔyɛe no. Ɛma wuhu nea ɛho hia titiriw wɔ osetie ankasa a wɔyɛ mu no ntɛm—adwuma a wɔde ama a wɔbɛyɛ. (Mateo 21:28-31) Bere a Yesu de ɔhyew rekyerɛkyerɛ no obiara adwene mu anyɛ no kusuu anaa ankyinkyin. Ná wɔretie asɛm, de wɔn adwene reyeyɛ nneɛma ho mfonini a adagyew nnim koraa.
Yesu Gyaee Nsɛm mu Bere a Ɔdɔ Maa Kwan
6. Bere bɛn titiriw na mfaso wɔ so sɛ obi bɛda ntease adi anaa obegyaa nsɛm mu?
6 Mpɛn pii no sɛ Bible no ka sɛ obi wɔ ntease a, ase hɔ asɛm bi da no adi sɛ ɛkyerɛ sɛ ogyae nsɛm mu. Nyansa a efi Onyankopɔn hɔ no gyae nsɛm mu bere a nsɛm tebea bi mma nea obi ayɛ nyɛ aniberesɛm kɛse no. Ɛtɔ da bi a ɛsɛ sɛ yenya ntease anaa yegyae nsɛm mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya ɔpɛ sɛ wobegyae nsɛm mu bere a ɔdɔ kyerɛ sɛ eye na ahonu ma ɛfata no. (1 Timoteo 3:3; Yakobo 3:17) Yesu yɛɛ nsɛm mu a wogyae ho nhwɛso horow a ɛyɛ fɛ, na bere a mmɔborohunu ne tema ma ɛfatae sɛ ɔyɛ saa no, wamfa mmara a wɔde di nnipa dodow no ara ho dwuma anyɛ adwuma.
7. Nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu gyae nsɛm mu?
7 Bere bi Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.” Nanso ɛmfa ho sɛ Petro paa no mprɛnsa no, wampow Petro. Nsɛm tebea bi ka ho nti na ɛbaa saa, na ɛda adi sɛ Yesu susuw ho. (Mateo 10:33; Luka 22:54-62) Bere a ɔbea a mogya retu no a ne ho ntew no too Mose Mmara na ɔbaa nnipa akuwakuw no mu no nso, nsɛm tebea bi ka ho nti na ɛbaa saa. Ɔno nso Yesu ankasa antia no. Ɔtee n’ahoyeraw no ase. (Marko 1:40-42; 5:25-34; hwɛ Luka 5:12, 13 nso.) Ná Yesu aka akyerɛ n’asomafo no sɛ wɔnnna no adi sɛ ɔne Mesia no, nanso bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ Samariani bea a ɔwɔ abura no ho sɛ ɔno ne saa onipa no, wamfa saa ahyɛde no anni dwuma katee. (Mateo 16:20; Yohane 4:25, 26) Wɔ tebea horow yi nyinaa mu no, ɔdɔ, mmɔborohunu, ne tema maa nsɛm mu a ogyaee yɛɛ ne kwan so de.—Yakobo 2:13.
8. Bere bɛn na na akyerɛwfo ne Farisifo no gow ahyɛde ahorow mu, na bere bɛn na na wɔnyɛ saa?
8 Ná ɛnte saa wɔ akyerɛwfo ne Farisifo a na wonnyae nsɛm mu no fam. Ɛba wɔn nsɛm mu de a, na wobu wɔn Homeda atetesɛm ahorow no so kɔma wɔn nantwi nsu. Anaasɛ sɛ wɔn nantwi anaa wɔn babarima tɔ abura bi mu a, na wobu Homeda no so koyi no. Nanso sɛ ɛba nnipa mpapahwekwaa no fam a, na wonnyae nsɛm mu koraa! Ná “wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka [ahyɛde ahorow no].” (Mateo 23:4; Luka 14:5) Wɔ Yesu fam no, na nnipa ho hia sen ahyɛde dodow no ara; wɔ Farisifo no fam no, na ahyɛde ahorow ho hia sen nnipa.
Ɔbɛyɛ “Mmara Ba”
9, 10. Bere a Yesu awofo san kɔɔ Yerusalem no, ɛhe na wokohuu no, na nsɛm a Yesu bisabisae no kyerɛ dɛn titiriw?
9 Ebinom nwiinwii sɛ Yesu mmofraberem asɛm biako pɛ na wɔakyerɛw ato hɔ. Nanso nnipa pii nhu hia a saa asɛm no ho hia. Wɔbɔ yɛn ho amanneɛ wɔ Luka 2:46, 47 sɛ: “Ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm. Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.” Kittel Theological Dictionary of the New Testament de adwene no ba sɛ wɔ saa asɛm yi mu no, na Hela asɛmfua ma ‘bisabisa’ no nyɛ abarimaa asɛmpɛ kɛkɛ. Asɛm no betumi akyerɛ nsemmisa a wɔde di dwuma wɔ asenni mu, wɔde yɛ nhwehwɛmu, wɔde bɔ nsɛm gu, “Farisifo ne Sadukifo no nsemmisa a anifere wom a wɔde hwehwɛɛ nsɛm mu” mpo te sɛ nea wɔka ho asɛm wɔ Marko 10:2 ne 12:18-23 no.
10 Nsɛm asekyerɛ nhoma koro no ara toa so sɛ: “Esiane sɛ wɔde di dwuma sɛɛ nti, yebetumi abisa sɛ ebia . . . [Luka] 2:46 nkyerɛ abarimaa asɛmpɛ a ɛma obisabisa nsɛm kɛkɛ, na mmom nsɛm a Ɔne wɔn yiyii a odii mu nkonim anaa. [Nkyekyem] 47 ne adwene a ɛto so abien no behyia yiye.”a Rotherham kyerɛ nkyekyem 47 ase te sɛ asidi a ɛda nsow bi a ɛkɔɔ so: “Na ne ntease ne ne mmuae no yɛɛ wɔn a wotiee no nyinaa ahodwiriw.” Robertson Word Pictures in the New Testament ka sɛ wɔn ho a ɛkɔɔ so dwiriw wɔn no kyerɛ sɛ “ɛyɛɛ wɔn nwonwa te sɛ nea wɔn ani rehanhan.”
11. Dɛn na Maria ne Yosef yɛe wɔ nea wohui na wɔtee no ho, na dɛn na nyamekyerɛ ho nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka wɔ ho?
11 Bere a awiei koraa Yesu awofo baa hɔ no, “ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw.” (Luka 2:48) Robertson ka sɛ Hela asɛmfua a ɛwɔ saa asɛm yi mu no kyerɛ “biribi a ɛpem obi, twɛre a wɔde bɔ obi.” Ɔde ka ho sɛ nea Yosef ne Maria hui na wɔtee no “pem” wɔn. Ɔkwan bi so no, na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho yɛ nwonwa dedaw. Na esiane asɔrefi hɔ asɛm yi nti, Kittel nhoma no kyerɛ sɛ “Yesu fi akameakame a awiei koraa N’asɔretiafo no bedi nkogu wom ase dedaw wɔ Ne mmofraase.”
12. Dɛn na ɛdaa adi wɔ nkɔmmɔ a akyiri yi Yesu ne nyamesom akannifo bɔe no mu?
12 Na wodii nkogu nso! Mfe bi akyi no, nsemmisa a ɛtete saa ara na Yesu de dii Farisifo no so nkonim kosii sɛ wɔantumi “ammisa no asɛm bi bio” no. (Mateo 22:41-46) Saa ara na ɔmaa Sadukifo no kaa wɔn ano toom wɔ owusɔre ho asemmisa no ho, na “wɔantumi ammisa no asɛm bi bio.” (Luka 20:27-40) Akyerɛwfo no nso antumi no. Bere a wɔn mu biako ne Yesu bɔɔ nkɔmmɔ wiei no, “obi antumi ammisa no asɛm biara bio.”—Marko 12:28-34.
13. Dɛn na ɛmaa asɛm a esii wɔ asɔrefi hɔ no yɛɛ nea ɛho hia kɛse wɔ Yesu asetra mu, na ade foforo bɛn na ɛma yehu?
13 Dɛn nti na Yesu ne asɔrefi hɔ akyerɛkyerɛfo ntam asɛm yi nkutoo ne ne mmofraberem asɛm a wɔka? Ná ɛyɛ nsakrae bere wɔ Yesu asetra mu. Bere a odii bɛyɛ mfe 12 no, ɔbɛyɛɛ nea Yudafo bɛfrɛ no “mmara ba,” a na ɛsɛ sɛ odi emu ahyɛde nyinaa so. Bere a Maria kaa sɛnea Yesu ama ɔne Yosef ho ayeraw wɔn kyerɛɛ no no, ne ba no mmuae daa no adi sɛ ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ wɔwoo no anwonwa kwan so na daakye ɔbɛyɛ Mesia. Ka a ɔkae sɛ Onyankopɔn ne n’Agya ankasa no da ɛno adi: “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metra m’agya fi?” Sɛnea ɛte no, eyi ne nsɛm a Yesu kae a edi kan a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu, na ɛda no adi sɛ na onim atirimpɔw nti a Yehowa somaa no baa asase so. Enti, saa asɛm yi nyinaa yɛ nea ɛho hia kɛse.—Luka 2:48, 49.
Yesu Dɔ Mmofra na Ɔte Wɔn Ase
14. Asuade ahorow a ɛyɛ anigye bɛn na mmofra betumi anya afi asɛm a ɛfa abofra Yesu a ɔwɔ asɔrefi ho no mu?
14 Mmofra titiriw na ɛsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ wɔn anigye. Ɛkyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu yeree ne ho suaa ade bere a na ɔrenyin abɛyɛ ɔpanyin no. Asɔrefi hɔ rabinom no ho dwiriw wɔn wɔ nyansa a na “mmara ba” a wadi mfe 12 yi nim no ho. Nanso ɔkɔɔ so ne Yosef yɛɛ adwuma wɔ duadwumfo adwuma no mu, ‘brɛɛ ne ho ase maa’ ɔne Maria, na onyinii “Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.”—Luka 2:51, 52.
15. Ɔkwan bɛn so na Yesu boaa mmofra wɔ n’asase so som adwuma no mu, na dɛn na eyi kyerɛ ma mmofra nnɛ?
15 Ná Yesu boa mmofra paa wɔ n’asase so som adwuma no mu: “Asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe ne mmofra a wɔteɛɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo, na wosee no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi, anaa?” (Mateo 21:15, 16; Dwom 8:2) Saa ara na nnɛ nso ɔboa mmofra ɔpehaha pii a wokura wɔn mudi mu na wɔde ayeyi rema, a wɔn mu bi mpo de wɔn nkwa ato asiane mu reyɛ saa no!
16. (a) Asuade bɛn na Yesu kyerɛɛ n’asomafo no bere a ɔde abofra bi gyinaa wɔn ntam no? (b) Yesu asetra mu bere a emu yɛ den bɛn na na ɔda so nya bere ma mmofra?
16 Bere a asomafo no gyee akyinnye wɔ nea ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse ho no, Yesu ka kyerɛɛ nnipa 12 no sɛ: “Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo. Na ɔfaa abofraa bi de no gyinaa wɔn mfinimfini, na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ: Obiara a obegye saa mmofraa yi mu biako me din mu no gye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no.” (Marko 9:35-37) Afei nso bere a na ɔrekɔ Yerusalem nea etwa to akohu aninyanne ne owu no, onyaa bere maa mmofra: “Momma mmofraa no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.” Afei “ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.”—Marko 10:13-16.
17. Dɛn nti na na ɛyɛ mmerɛw sɛ Yesu ne mmofra bɛbɔ, na dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra kae wɔ ne ho?
17 Yesu nim sɛnea ɛte sɛ obi bɛtra ase sɛ abofra wɔ wiase a mpanyimfo wom mu. Ɔne mpanyimfo trae, ne wɔn yɛɛ adwuma, brɛɛ ne ho ase maa wɔn, na afei onyaa akomatɔyam ne ahobammɔ fii ɔdɔ a woyii no adi kyerɛɛ no mu. Mmofra, Yesu yi ara ne mo adamfo; owu maa mo, na sɛ mudi n’ahyɛde so a mubenya daa nkwa.—Yohane 15:13, 14.
18. Adwene a ɛkanyan anigye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae, titiriw bere a yɛwɔ ɔhaw anaa asiane mu no?
18 Yesu ahyɛde ahorow a yebedi so no nyɛ den pii sɛnea ebia yebesusuw no. Mmofra, wayɛ krado sɛ ɔbɛboa mo ne afoforo nyinaa sɛnea yɛkenkan wɔ Mateo 11:28-30 no: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so [anaa, “Mommɛhyɛ me kɔndua ase bi,” NW ase hɔ asɛm], na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” Wo de yɛ ho mfonini sɛ bere a wosom Yehowa wɔ asetra mu no, Yesu ka wo ho a ɔrema kɔndua no yɛ mmerɛw na adesoa no yɛ hare. Ɛno yɛ adwene a ɛma yɛn nyinaa ani gye!
19. Nsemmisa a ɛfa ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no ho bɛn na yebetumi asusuw ho bere ne bere mu?
19 Bere a yɛasusuw akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no kakraa bi ho no, so yehu sɛ yɛkyerɛkyerɛ sɛnea ɔyɛe no? Sɛ yehu wɔn a wɔyare wɔ ɔhonam mu anaa ɔkɔm de wɔn honhom mu a, so ayamhyehye ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi de boa wɔn? Sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo a, so yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm, anaa te sɛ Farisifo no, yɛkyerɛkyerɛ yɛn ankasa nsusuwii? So yɛde yɛn ani to fam hwehwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a daa yehu a yebetumi de akyerɛkyerɛ honhom mu nokware mu, ayɛ ho mfonini, ama asete ayɛ mmerɛw ma wɔate ase? So yɛkwati sɛ yɛbɛbata ahyɛde horow bi ho katee, bere a esiane nsɛm tebea bi nti, ɔkwampa a yebetumi afa so ayi ɔdɔ ne mmɔborohunu adi ne sɛ yɛbɛyɛ fakaa wɔ ne dwumadi mu? Na mmofra nso ɛ? So yefi ɔdɔ mu dwen wɔn ho yi adɔe adi kyerɛ wɔn sɛnea Yesu yɛe no? So wohyɛ wo mma nkuran ma wosua ade sɛnea Yesu yɛe bere a na ɔyɛ abarimaa no? So wobɛyɛ pintinn sɛnea Yesu yɛe no na bere koro no ara wayɛ krado sɛ wobɛtew w’anim ama wɔn a wonu wɔn ho, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ne ntaban ase no?—Mateo 23:37.
20. Adwene a ɛyɛ anigye bɛn na yebetumi de akyekye yɛn werɛ bere a yɛsom yɛn Nyankopɔn no?
20 Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa kyerɛkyerɛ sɛnea Yesu yɛe no a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛma ‘yɛne no ahyɛ ne kɔndua ase.’—Mateo 11:28-30.
[Ase hɔ asɛm]
a Nokwarem no, yɛwɔ ntease biara a enti ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yesu kyerɛɛ obu a ɛfata maa wɔn a wɔanyin sen no, titiriw nkwakoraa ne asɔfo no.—Fa toto Leviticus 19:32; Asomafo no Nnwuma 23:2-5 ho.
So Wokae?
◻ Dɛn nti na nkurɔfo akuwakuw puw baa Yesu nkyɛn?
◻ Dɛn nti na ɛtɔ da bi a na Yesu gyae nsɛm mu wɔ ahyɛde horow bi ho?
◻ Dɛn na yebetumi asua afi nsɛm a Yesu bisabisaa asɔrefi akyerɛkyerɛfo no mu?
◻ Asuade ahorow bɛn na yebetumi anya afi sɛnea Yesu ne mmofra bɔe no mu?