Dwom 119:99 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 99 Manya nhumu asen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa,+Efisɛ wo nkaesɛm na midwen ho.+ Mateo 7:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Afei bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipakuw no ho dwiriw wɔn;+ Marko 1:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no yɛɛ wɔn nwonwa,+ efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.+ Yohane 7:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Eyi yɛɛ Yudafo no nwonwa na wɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim nhoma+ saa bere a ɔnkɔɔ sukuu biara?”+
22 Na ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no yɛɛ wɔn nwonwa,+ efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.+
15 Eyi yɛɛ Yudafo no nwonwa na wɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim nhoma+ saa bere a ɔnkɔɔ sukuu biara?”+