Mmebusɛm 21:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Onipa a ɔdan ne ho fi nhumu kwan so+ no, awufo asafo mu na ɔbɛhome.+ Mateo 11:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Saa bere no na Yesu kae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.+ Mateo 13:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Obuaa wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro ahenni ho ahintasɛm kronkron+ no ase, na wɔn de wɔmfa mmaa wɔn.+ Luka 2:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Ne nnansa akyi no, wohuu no wɔ asɔrefie+ hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 2 Timoteo 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 na wufi wo mmofraase+ nso nim nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye+ mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.+
25 Saa bere no na Yesu kae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.+
11 Obuaa wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro ahenni ho ahintasɛm kronkron+ no ase, na wɔn de wɔmfa mmaa wɔn.+
46 Ne nnansa akyi no, wohuu no wɔ asɔrefie+ hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.
15 na wufi wo mmofraase+ nso nim nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye+ mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.+