20 Ansa na wɔbɛkɔ ahyiae ntamadan no mu anaa wɔbɛba afɔremuka no ho de ogya abɔ afɔre ama Yehowa+ no, wɔmfa nsu nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu.
9 Saa ntamadan yi yɛ mfatoho+ ma bere a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na nea ɛne no hyia no, wɔde ayɛyɛde ne afɔre nyinaa ma.+ Nanso eyi ntumi mma nea ɔyɛ ɔsom adwuma no nwie pɛyɛ+ wɔ n’ahonim+ mu,
22 momma yɛmfa nokware koma mmra a yɛwɔ gyidi mu awerɛhyem a edi mũ, bere a wɔatew* yɛn koma ho afi ahonim+ bɔne mu na wɔde nsu a emu tew+ ahohoro yɛn nipadua ho no.