7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔhwehwɛ ɔkɔmfo bea bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔkɔmfo bea bi wɔ En-Dor.”+
6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa ogya mu+ wɔ Hinom ba bon+ no mu, na odii nkonyaayi+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfo+ ne ntafowayifo+ gorui. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.+
19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: “Monkɔ akɔmfo anaa asumanfo+ a wɔkasa wɔn menem te sɛ nnomaa+ na wɔbesebese wɔn ano no hɔ a,” ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn hɔ mmom na ɛsɛ sɛ mokɔ?+ Awufo nkyɛn na mokɔ abisa ma ateasefo?+
8 Nanso ahufo ne wɔn a wonni gyidi+ ne wɔn a wɔn ho ntew a wɔyɛ atantanne+ ne awudifo+ ne aguamammɔfo+ ne wɔn a wodi ahonhonsɛm ne abosonsomfo+ ne atorofo+ nyinaa de, wobenya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya+ ne sufre+ dɛw wom no mu. Eyi ne owuprenu no.”+