40 Ɛbɛyɛɛ nkae ade maa Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ onipahunu biara+ a omfi Aaron abusua mu hyew aduhuam wɔ Yehowa anim.+ Afei nso na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne ne bagua no,+ sɛnea Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛe mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.+