Numeri 34:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Eyi ne asase a mobɛbɔ ntonto de akyɛ+ no. Saa na Yehowa ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fã no.+ Yosua 14:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wɔbɔɔ ntonto de kyɛɛ asase no+ maa mmusua akron ne fã no, sɛnea na Yehowa nam Mose so aka no.+ Yosua 17:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade wɔ yɛn nuabarimanom mu.”+ Enti ɔmaa wɔn agyapade wɔ wɔn papa nuanom mu sɛnea Yehowa hyɛe no.+ Yosua 18:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Monkyekyɛ asase no mu ason, na monkyerɛw ho nsɛm mmrɛ me, na mɛbɔ ntonto+ wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo. Mmebusɛm 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Onipa srɛ so na wɔtwe ntonto,+ nanso nea efi mu ba biara fi Yehowa.+
13 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Eyi ne asase a mobɛbɔ ntonto de akyɛ+ no. Saa na Yehowa ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fã no.+
4 Mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade wɔ yɛn nuabarimanom mu.”+ Enti ɔmaa wɔn agyapade wɔ wɔn papa nuanom mu sɛnea Yehowa hyɛe no.+
6 Monkyekyɛ asase no mu ason, na monkyerɛw ho nsɛm mmrɛ me, na mɛbɔ ntonto+ wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo.