54 Mommɔ ntonto+ nkyɛ asase no mma mmusua mmusua+ no. Momma wɔn a wɔdɔɔso no nnya kɛse, na wɔn a wosua no, montew wɔn de so.+ Nea ntonto no bɛkyerɛ no, ɛno na ɛbɛyɛ abusua biara de.+ Munnye asase no sɛnea mo agyanom abusuakuw te.+
11Ɔman no mu mmapɔmma+ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no nkae de, wɔbɔɔ ntonto+ de paw edu biara mu biako sɛ ɔnkɔtena Yerusalem, kurow kronkron+ no mu, na akron a aka no de, wɔtenatenaa nkurow a aka no mu.