Genesis 30:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Enti ɔtoo no din Yosef,+ na ɔkae sɛ: “Yehowa de ɔbabarima foforo aka me ho.” Genesis 49:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Yosef yɛ dua a ɛsow aba duforo,+ nsu ho dua a ɛsow aba duforo+ a ne nkorata tratra ɔfasu.+ 1 Beresosɛm 5:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Israel ba panyin+ ne Ruben,+ nanso oguu ne papa mpa ho fĩ,+ enti wɔde mpanyinni no maa Israel ba Yosef+ mma, na wɔankyerɛw ne din sɛ abakan.
5 Israel ba panyin+ ne Ruben,+ nanso oguu ne papa mpa ho fĩ,+ enti wɔde mpanyinni no maa Israel ba Yosef+ mma, na wɔankyerɛw ne din sɛ abakan.