Exodus 34:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na Yehowa nam omununkum mu sianee,+ na obegyinaa ne nkyɛn, na ɔbɔɔ Yehowa din.+ Numeri 11:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Afei Yehowa sian bae wɔ omununkum+ mu ne no bɛkasae,+ na oyii honhom+ a ɛwɔ no so no bi maa mpanyimfo aduɔson no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so no, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+ Dwom 99:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Omununkum dum mu na ɔne wɔn kasae.+Wodii ne nkaesɛm ne ahyɛde a ɔde maa wɔn no so.+
25 Afei Yehowa sian bae wɔ omununkum+ mu ne no bɛkasae,+ na oyii honhom+ a ɛwɔ no so no bi maa mpanyimfo aduɔson no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so no, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+