Exodus 40:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na Mose yɛɛ nea Yehowa hyɛɛ no no nyinaa.+ Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Deuteronomium 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Hwɛ, mama moahu ahyɛde+ ne atemmusɛm+ yi sɛnea Yehowa me Nyankopɔn hyɛɛ me no na moayɛ no saa ara wɔ asase a morekɔfa no so. 1 Samuel 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye,+ na hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude de akata m’ani?+ Monka na menhyɛ mo ananmu.”+
5 Hwɛ, mama moahu ahyɛde+ ne atemmusɛm+ yi sɛnea Yehowa me Nyankopɔn hyɛɛ me no na moayɛ no saa ara wɔ asase a morekɔfa no so.
3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye,+ na hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude de akata m’ani?+ Monka na menhyɛ mo ananmu.”+