Exodus 29:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 “Na fa Aaron asɔfohyɛ guan+ no koko na him sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim. Ɛno na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. Leviticus 7:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɔsɔfo no nhyew+ srade no wɔ afɔremuka no so, na ne koko no de, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+ Leviticus 7:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Sɛ Israelfo no bɛbɔ asomdwoe afɔre a, mede aboa no koko a wohimii no+ ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no bɛma ɔsɔfo Aaron ne ne mma. Megye wɔn kyɛfa no afi Israelfo hɔ, na ɛbɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa.
34 Sɛ Israelfo no bɛbɔ asomdwoe afɔre a, mede aboa no koko a wohimii no+ ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no bɛma ɔsɔfo Aaron ne ne mma. Megye wɔn kyɛfa no afi Israelfo hɔ, na ɛbɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa.