28 Eyi bɛyɛ Aaron ne ne mma dea. Ɛyɛ ahyɛde a Israelfo bedi so daa, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde kronkron.+ Sɛ Israelfo bɔ asomdwoe afɔre+ a, wɔde eyi bɛma wɔn, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde kronkron ma Yehowa.
14 Wo ne wo mmabarima ne wo mmabea a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wohim de bɔɔ afɔre+ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a efi Israelfo asomdwoe afɔre mu.