Deuteronomium 18:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Enti Lewini biara rennya agyapade wɔ ne nuanom mu. Yehowa ne n’agyapade,+ sɛnea waka akyerɛ no no. Yosua 13:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Lewi abusuakuw no nkutoo na wamma wɔn agyapade.+ Ogya afɔre a wɔbɔ+ ma Israel Nyankopɔn Yehowa no ne wɔn agyapade,+ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Yosua 18:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na Lewifo no de, wɔrennya mo asase no bi,+ efisɛ wɔn agyapade ne Yehowa asɔfodi.+ Gad ne Ruben+ ne Manase abusuakuw fã+ no nso anya wɔn agyapade a Yehowa akoa Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei no.”+ Hesekiel 44:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 “‘Wɔn agyapade ni: Mene wɔn agyapade.+ Mommma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel: Mene wɔn kyɛfa.
14 Lewi abusuakuw no nkutoo na wamma wɔn agyapade.+ Ogya afɔre a wɔbɔ+ ma Israel Nyankopɔn Yehowa no ne wɔn agyapade,+ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+
7 Na Lewifo no de, wɔrennya mo asase no bi,+ efisɛ wɔn agyapade ne Yehowa asɔfodi.+ Gad ne Ruben+ ne Manase abusuakuw fã+ no nso anya wɔn agyapade a Yehowa akoa Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei no.”+