3“Hwɛ, meresoma me bɔfo+ adi m’anim abesiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafo a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfo+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirim. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na waka.+
44 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na meda so ka mo ho no,+ sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifo+ no ne Nnwom+ no mu nyinaa ba mu.”