6 Wɔawo akokoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahenni bɛda ne mmati so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoe Hene.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee duforo bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bedi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ ade na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase no so.+
24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kurow kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awiei,+ na wɔmpata mfomso,+ na wɔmfa trenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehu ne adiyifo so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+
2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afi abɛyɛ Israel sodifo.+ Ɔno na n’ase fi tete a enni ano.+
3“Hwɛ, meresoma me bɔfo+ adi m’anim abesiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafo a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfo+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirim. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na waka.+
45 Filipo huu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu nea Mose kyerɛw ne ho asɛm wɔ Mmara no mu+ na Adiyifo+ no nso kyerɛw ne ho asɛm no, Yesu, Yosef ba+ a ofi Nasaret no.”
22 Nanso mmoa+ a manya wɔ Onyankopɔn nkyɛn nti na makɔ so atena hɔ abedu nnɛ a meredi adanse akyerɛ nketewa ne akɛse nyinaa yi; menkaa hwee, gye nsɛm a Adiyifo+ no ne Mose+ kae sɛ ɛbɛba no,