Yesaia 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Afei Yehowa ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa+ no benyinsɛn+ awo ɔbabarima+ na wato no din Imanuel. Luka 1:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: “Honhom kronkron+ bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron,+ Onyankopɔn Ba.+ Luka 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 efisɛ wɔawo Agyenkwa+ a ɔne Awurade Kristo+ no ama mo nnɛ wɔ Dawid kurom.+
14 Afei Yehowa ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa+ no benyinsɛn+ awo ɔbabarima+ na wato no din Imanuel.
35 Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: “Honhom kronkron+ bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron,+ Onyankopɔn Ba.+