Exodus 23:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Mma atosɛm nnyɛ wo dɛ.+ Na wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso nnkodi adansekurum.+ 1 Ahene 21:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Mmarima ahuhufo baanu bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufo no dii adanse tiaa no, kyerɛ sɛ, wodii adanse tiaa Nabot wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no fii adi kɔɔ kurotia, na wokosiw no abo ma owui.+ Dwom 27:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Mfa me nhyɛ m’atamfo kra nsa;+Na adansekurumfo asɔre atia me,+Ne wɔn a wopuw anuɔdensɛm no.+ Marko 14:56 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 56 Nokwarem no, nnipa bebree dii adansekurum tiaa no,+ nanso na wɔn adanse no nhyia.+
13 Mmarima ahuhufo baanu bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufo no dii adanse tiaa no, kyerɛ sɛ, wodii adanse tiaa Nabot wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no fii adi kɔɔ kurotia, na wokosiw no abo ma owui.+