Exodus 23:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 “Sɛ woredi ohiani asɛm a, hwɛ na woannan asɛm no ani.+ 2 Beresosɛm 19:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yiye,+ efisɛ ɛnyɛ onipa na mubu atɛn ma no, na mmom Yehowa,+ na ɔka mo ho atemmu no mu.+ Mmebusɛm 17:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea obu ɔbɔnefo bem+ ne nea obu ɔtreneeni fɔ+—wɔn nyinaa yɛ Yehowa akyide.+ Mmebusɛm 31:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Bue w’ano, bu atɛntrenee, na di ma mmɔborɔni ne ohiani.+ Yesaia 5:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Wɔn a wogye adanmude bu ɔbɔnefo bem+ na wogye ɔtreneeni bemdi fi ne nsam no nnue!+
6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yiye,+ efisɛ ɛnyɛ onipa na mubu atɛn ma no, na mmom Yehowa,+ na ɔka mo ho atemmu no mu.+