Exodus 23:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Twe wo ho fi atosɛm ho kɔ akyirikyiri.+ Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.+ Deuteronomium 25:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “Sɛ asɛm bi si mmarima baanu ntam+ na wɔde ba atemmufo+ anim a, wommu wɔn atɛn; wommu nea n’asɛm yɛ dɛ no bem na wommu nea n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+ 1 Ahene 8:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 ɛnde fi wo soro hɔ tie na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn, na bu ɔbɔnefo no fɔ ma ne bɔne nkogu n’atifi,+ na bu ɔtreneeni no bem+ ma no, sɛnea ne trenee te.+ Yesaia 5:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Wɔn a wogye adanmude bu ɔbɔnefo bem+ na wogye ɔtreneeni bemdi fi ne nsam no nnue!+
7 “Twe wo ho fi atosɛm ho kɔ akyirikyiri.+ Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.+
25 “Sɛ asɛm bi si mmarima baanu ntam+ na wɔde ba atemmufo+ anim a, wommu wɔn atɛn; wommu nea n’asɛm yɛ dɛ no bem na wommu nea n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+
32 ɛnde fi wo soro hɔ tie na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn, na bu ɔbɔnefo no fɔ ma ne bɔne nkogu n’atifi,+ na bu ɔtreneeni no bem+ ma no, sɛnea ne trenee te.+