Genesis 28:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enti Isak gyaa Yakob kwan na osiim kɔɔ Siriani Betuel+ ba Laban nkyɛn wɔ Padan-Aram. Ná ɔyɛ Yakob ne Esau maame+ Rebeka nuabarima.+ Genesis 31:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Mfe aduonu ni a matena wo fie. Wo mmabea nti, masom wo mfe dunan, na mede mfe asia nso ahwɛ wo mmoa, na woasesa m’akatua mpɛn du.+ Genesis 31:42 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 42 Sɛ me papa ne Abraham Nyankopɔn,+ nea Isak suro no+ no, nni m’akyi a, anka nsapan na wode begya me kwan. Nanso Onyankopɔn ahu m’ahohia ne me brɛ, enti na ɔkaa w’anim nnɛra anadwo no.”+ Hosea 12:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Yakob guan kɔɔ Siria asase so,+ na ɔyere+ nti Israel+ somee, na ɔyere nti ɔhwɛɛ nguan.+
5 Enti Isak gyaa Yakob kwan na osiim kɔɔ Siriani Betuel+ ba Laban nkyɛn wɔ Padan-Aram. Ná ɔyɛ Yakob ne Esau maame+ Rebeka nuabarima.+
41 Mfe aduonu ni a matena wo fie. Wo mmabea nti, masom wo mfe dunan, na mede mfe asia nso ahwɛ wo mmoa, na woasesa m’akatua mpɛn du.+
42 Sɛ me papa ne Abraham Nyankopɔn,+ nea Isak suro no+ no, nni m’akyi a, anka nsapan na wode begya me kwan. Nanso Onyankopɔn ahu m’ahohia ne me brɛ, enti na ɔkaa w’anim nnɛra anadwo no.”+