5 Ɛnyɛ wo trenee+ anaa wo komam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumɔyɛ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.
11 “Monkɔ nsraban no mu na monka nkyerɛ ɔman no sɛ, ‘Nnansa akyi mubetwa Yordan asubɔnten yi akɔfa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no.+ Enti, monhwehwɛ aduan a mubedi wɔ kwan so.’”