18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ eyi efisɛ ɔpɛ sɛ odi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛnea ɛte nnɛ yi.+
7 “Nea ehia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duru na wo ho ayɛ den, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so.+ Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+
3 Di Yehowa, wo Nyankopɔn ahyɛde so na nantew n’akwan so.+ Di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm ne n’atemmusɛm+ ne n’adansesɛm so sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu+ no, na ama woahu nyansa biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ;