Deuteronomium 29:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Enti monhwɛ nni apam yi mu nsɛm so na ama biribiara a mobɛyɛ asi mo yiye.+ Dwom 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na mmom n’ani gye Yehowa mmara ho,+Na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo.+ Dwom 112:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 112 Munyi Yah ayɛ!+ א [ʼAʹleph]Anigye ne onipa a osuro Yehowa+ ב [Behth]Na ne mmara nsɛm+ da ne koma so.+ Dwom 119:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Anigye ne wɔn a wodi ne nkaesɛm so;+Wɔde wɔn koma nyinaa hwehwɛ no.+ Yesaia 56:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa a obedi eyinom so,+ ɔdesani a obekura mu denneennen,+ na wadi homeda a ongu ho fĩ,+ akora ne nsa a ɔrenyɛ bɔne+ no ani begye. Mateo 7:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ+ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.+ Yakobo 1:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ+ no mu na ɔtena mu no, n’ani begye+ sɛ ɔreyɛ saa efisɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo+ na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo.
112 Munyi Yah ayɛ!+ א [ʼAʹleph]Anigye ne onipa a osuro Yehowa+ ב [Behth]Na ne mmara nsɛm+ da ne koma so.+
2 Onipa a obedi eyinom so,+ ɔdesani a obekura mu denneennen,+ na wadi homeda a ongu ho fĩ,+ akora ne nsa a ɔrenyɛ bɔne+ no ani begye.
21 “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ+ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.+
25 Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ+ no mu na ɔtena mu no, n’ani begye+ sɛ ɔreyɛ saa efisɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo+ na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo.