47 na wɔn ani ba wɔn ho so, asase a wɔde wɔn akɔyɛ nkoa+ wɔ hɔ no so, na wɔsan ba+ wo nkyɛn bɛkotow srɛ+ wo, asase a wɔakɔyɛ hɔ nkoa+ no so na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ yɛafom,+ na yɛadi amumɔyɛsɛm,’+
9 Sɛ mosan ba me nkyɛn+ bɛhwɛ di+ me mmara nsɛm+ so a, ɛnde sɛ wɔahwete mo akodu ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afi hɔ de mo aba+ baabi a mapaw sɛ me din ntena no.’+
13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntade mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo,+ ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe dɔɔso,+ na amanehunu no nti, obegyae mu ma aka.+